1
Luka 17:19
KYERƐW KRONKRON
Na osee no sɛ: Sɔre kɔ, wo gyidi agye wo.
Konpare
Eksplore Luka 17:19
2
Luka 17:4
Na sɛ ɔfom wo mpɛn ason da koro, na ɔsan ba wo nkyɛn mpɛn ason ka sɛ: Masakra m’adwene a, fa kyɛ no!
Eksplore Luka 17:4
3
Luka 17:15-16
Na wɔn mu biako hui sɛ ne ho asan no, ɔsan n’akyi de nne kɛse beyii Nyankopɔn ayɛ, na ɔde n’anim butuw fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno de, ɔyɛ Samariani.
Eksplore Luka 17:15-16
4
Luka 17:3
Monhwɛ mo ho so yiye! Na sɛ wo nua fom a, ka n’anim; na sɛ ɔsakra n’adwene a, fa kyɛ no!
Eksplore Luka 17:3
5
Luka 17:17
Na Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ du no na wɔn ho fii? Na baakron no de, wɔwɔ he?
Eksplore Luka 17:17
6
Luka 17:6
Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ ankye dua yi sɛ: Wo ntini ntutu na kɔtɛw ɛpo mu! Na ebetie mo.
Eksplore Luka 17:6
7
Luka 17:33
Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ogye ne kra no, ebefi ne nsa, na obiara a ne kra befi ne nsa no wobegye no nkwa.
Eksplore Luka 17:33
8
Luka 17:1-2
Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Ɛdan sɛ dɛn ara a, hintiduato bɛba de, nanso nea ɛnam no so bɛba no nnue! Anka eye ma no sɛ wɔde owiyammo kyekyere ne kɔn mu kɔtow no kyene po mu sen sɛ ɔbɛto nketewa yi mu biako hintidua.
Eksplore Luka 17:1-2
9
Luka 17:26-27
Na sɛnea ɛyɛe Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ onipa Ba no nna mu. Wodidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa aware de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na nsuyiri no bae, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.
Eksplore Luka 17:26-27
Akèy
Bib
Plan yo
Videyo